7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.
7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.
7 Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin; wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa, onya fii nguamanfo akatua mu no nti wɔde bɛma nguamanfo.”
7 Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti wɔde bɛma adwamanfoɔ.”
7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano, na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ.
Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.
Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.
Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.
Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.
Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.
Na mefaa mo bɔne a moyɛeɛ a ɛne nantwie ba no, na mede ogya mehyee, na mesi meyam no muhumuhu kɔsii sɛ ɛfee sɛ mfuturo, na metoo ne mfuturo no guu asuo a ɛfiri bepɔ no so sene no mu.
Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.
Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.