Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. Yakob nnebɔne ne dɛn? Ɛnyɛ Samaria ana? Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:5
30 Iomraidhean Croise  

Ɛno mu na Salomo sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfoɔ Kemos a ɛyɛ akyiwadeɛ, bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ so, ne Amon mma Molek a ɛyɛ akyiwadeɛ.


Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afie a ɛwɔ Samaria nkuro mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.


Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho.


Na wɔdwirii Baalim afɔrebukyia no n’anim, na owia adum a ɛsisi soɔ no, ɔtwitwa gui, na Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no, ɔbubui, na ɔsisirii, na ɔto petee wɔn a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no adamena so.


Efraim tiri ne Samaria, na Samaria tiri ne Remalia ba no: Sɛ morennye nni a, nokorɛ morennyina.


Ɛnyɛ wo ara na wode yei baa wo soɔ, sɛ wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, berɛ a ɔde wo nam ɔkwan no soɔ no?


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsaneakyire atwi w’anim, na hunu na hwɛ sɛ gya a wogyaa AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wonnie no so aba ne awerɛhoɔ. AWURADE, asafo AWURADE asɛm nie.


Na Samaria adiyifoɔ no mu, mahunu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso mahunu ahodwirideɛ, wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu; wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom, na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora.


Wo kwan ne wo nneyɛɛ na ama yeinom aba wo soɔ, yei ne w’atemmuo na ɛyɛ nwono na ɛduru w’akoma mu pɛɛ.


Mo amumuyɛ na ama yeinom adane, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi soɔ, wɔn nneyɛɛ so aba no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔapo.


Yɛn abotire ayi atɔ fam. Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.


Na wo nuabaa panin ne Samaria, ɔno ne ne mmammaa a wɔte wo benkum soɔ no, na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom ne ne mmammaa.


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.


wɔn a wɔkeka Samaria asodie ntam, na wɔse: Sɛ wo, Dan, wo nyame te aseɛ yi! ne: Sɛ Beer-seba kwan te aseɛ yi! no, wɔn deɛ, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.


Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan