Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba; ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa, na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:3
15 Iomraidhean Croise  

Hwɛ ahantanfoɔ nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefoɔ so wɔ wɔn tenabea hɔ.


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


Ɛnna honhom no maa me soɔ, na metee ɔwosoɔ kɛseɛ nne wɔ m’akyiri sɛ: Nhyira ne AWURADE animuonyam firi deɛ ɔteɛ hɔ.


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na AWURADE, asafo AWURADE ne deɛ ɔka asase ma no nane na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo, na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.


ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden; na ɔma me nan yɛ sɛ aforoteɛ deɛ, na ɔma menante me sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛni na wɔnto no m’asankuo so.


Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.


Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na ɔdii asase so nnɔbaeɛ; na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu, ne ngo firii abohemmaa mu,


Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan