Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, muntie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfo Awurade redi adanse atia mo, ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:2
33 Iomraidhean Croise  

Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!


Na Mikaia se: Sane deɛ, wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.


Sɛ mesu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie me nkotosrɛ.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Sɛ ɛkɔm de me a, anka merense wo, na wiase ne ne mayɛ wɔ me.


Me man, montie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ: Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


Mo, mmarima, na meteam mefrɛ mo, na me nne gyegye ma nnipa mma:


O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.


Mo wiasefoɔ nyinaa ne mo a mote asase so nyinaa, sɛ wɔsi mmepɔ so frankaa a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛne totorobɛnto a, montie.


Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me soɔ; enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu.


O asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm!


ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie.


Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokorɛ danseni pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi soɔ, wɔn nneyɛɛ so aba no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔapo.


Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.


Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Na mobisa sɛ: Ɛnam deɛn so? Ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ntam danseni, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafoɔ ne w’apam yerɛ no.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anomu nsɛm!


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.


Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan