Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mo a mote Lakis, munsiesie nteaseɛnam no. Mone bɔne farebae ma Ɔbabea Sion, na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mo a mote Lakis, monsiesie nteaseɛnam no. Mo ne bɔne farebae ma Ɔbabaa Sion, na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo; ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase, sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:13
27 Iomraidhean Croise  

Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu ama.


Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no.


Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.


Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis; na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis, na wɔkɔkumm no wɔ hɔ.


Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.


Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ, ɛfiri sɛ na ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.


Yei akyiri no, Asiriahene Sanaherib somaa ne nkoa maa wɔbaa Yerusalem, na ɔno deɛ, na ɔwɔ Lakis ho, na wɔn a na ɔdi wɔn soɔ nyinaa ka ne ho, ma wɔbɛka kyerɛɛ Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa a wɔwɔ Yerusalem no sɛ:


Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho, anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?


Na Mose bisaa Aaron sɛ: Ɛdeɛn na ɔman yi yɛɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ aba wɔn soɔ yi?


Madmena redwane, Gebimfoɔ redwane akɔ deɛ ɛhɔ yɛ.


Na Asiriahene somaa Rabsake no firii Lakis baa Yerusalem Ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duro bae; na ɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ ntomasifoɔ asasewa tempɔn no soɔ no suka ho.


Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afiri Lakis.


Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.


Saa berɛ no, na Babel hene dɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka a ɛne Lakis ne Aseka no nyinaa reko; na na ɛnonom ne nkuro a ɛyɛ den a aka, Yuda nkuro mu.


Apɔnkɔfoɔ ne agyantofoɔ kitikitiyɛ nti kuro no nyinaa dwane. Wɔhyɛnehyɛne adɔtɔ mu, na wɔforo abotan. Nkuro nyinaa adeda mpan, na obiara nte mu bio.


Na ne nua Oholiba hunui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne senee ɔno, na ɔmaa n’adwamammɔ senee ne nua no deɛ.


Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?


Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:


Lakis ne Boskat ne Eglon,


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa wɔ wo hɔ a wɔkura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, deɛ ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma suntidua na wɔnni nam a wɔakum ama abosom, na wɔmmɔ adwaman no.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbaa Isebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ adwaman na wɔnni nam a wɔakum ama abosom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan