Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:8
22 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?


maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


Na ɔsɔre sii mu kɔɔ ne fie.


Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.


Na ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtenee, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ.


Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ,


Wɔanhunu wɔn mu biara a ɔsane de animuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?


Na amonom hɔ ara, ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde ayeyie maa Onyankopɔn.


Na nnwanhwɛfoɔ no sane kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na wɔyii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔkɔhunuiɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.


Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.


Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na wɔnam mo som a wɔhunu so, bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamyɛ a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu,


Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan