Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti. Ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Sɔre na bobɔw wo kɛtɛ, na kɔ fie efisɛ masa wo yare.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ efie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na nea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:6
24 Iomraidhean Croise  

Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre, na nante?


Na ɔsɔre sii mu kɔɔ ne fie.


Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔsee obubuani no sɛ:


Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu sɛ: Hwan ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba.


Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nante!


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Na deɛ mode biribi kyɛ no no, me nso mede kyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, deɛ mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ Kristo anim;


Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom.


Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, monhunu mmema mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, sɛdeɛ mo nso monyɛ ne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan