Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Bere a Yesu huu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ ohuu sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a, wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:36
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.


Ɛnna ɔse: Mehunuu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Na AWURADE se: Yeinom nni wuranom? Ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.


Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so sɛ ɔwansane a wɔatutu no, ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.


Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.


Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔɔ sɛ nnwan, wɔrebrɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ biara nni hɔ.


Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn!


Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.


Na ɔbuaa sɛ: Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.


Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu.


Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.


Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan