Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:18
25 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.


Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!


Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!


Na wɔduruu nkurɔfokuo no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotoo no


Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotoo no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.


Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ.


Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.


Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!


Nanso wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nkotokuo no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na nkotokuo no asɛe. Na wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu, na ne mmienu nyinaa ayɛ yie.


Na Yesu sɔre ne n’asuafoɔ no dii n’akyi.


ɔkaa sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔseree no.


Na hyiadan no mu panin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu saa yadeɛ homeda no bua see nkurɔfokuo no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.


Na ɔpanin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?


Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.


Yesu see no sɛ: Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa.


Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.


Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!


Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan