Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besunsuan dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:16
11 Iomraidhean Croise  

Enti ma me wura nsene nni n’akoa anim, na me deɛ, mɛnante brɛoo, sɛdeɛ mmoa a wɔdi m’anim ne mma no bɛtumi de akɔsi sɛ mɛduru me wura nkyɛn wɔ Seir.


Na bɔne ahempoma rentena ateneneefoɔ kyɛfa so, na ateneneefoɔ antene wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.


Nanso wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nkotokuo no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na nkotokuo no asɛe. Na wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu, na ne mmienu nyinaa ayɛ yie.


Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ.


Na ɔbuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɔyɛ saa a, foforɔ no bɛtu, ɛfiri sɛ deɛ ɔtwa firii foforɔ no mu no ne dada no nsɛ.


Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei.


Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ.


Ɛfiri sɛ ɔsom yi ho adwuma deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ deɛ ɛhia ahotefoɔ no nko ara, na mmom ɛnam aseda bebree a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan