Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how, na wobua da ana? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:15
22 Iomraidhean Croise  

Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa ne tikwabɔ ne ayitomafira mu.


Ɛnna Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ di mmuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni mmuada yi?


Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada.


Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada.


Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mobɛhunu Onipa Ba no nna no mu baako, na morenhunu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mobɛtumi ama ayeforɔ asefoɔ no adi mmuada, berɛ a ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi?


Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada.


Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.


Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.


Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsire mu, ɛkɔm ne sukɔm mu, abuada pii mu, awɔ ne adagya mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan