Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔsan kaa bio se, “Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔsane kaa bio sɛ, “Monkɔhwehwɛ yei ase wɔ Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.’ Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:13
39 Iomraidhean Croise  

Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?


Anaasɛ monkenkann mmara no mu, sɛdeɛ homeda, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie no sɛe homeda nanso wɔnni ho fɔ no?


Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn?


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?


sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera.


Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?


na sɛ wobɛdɔ no afiri akoma nyinaa ne nteaseɛ nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne mogya afɔdeɛ nyinaa.


Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.


Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?


Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Na Yesu see wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyareɛ no.


Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.


Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame?


Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ebinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛre ma mo, ɔmpɛ sɛ obiara bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan