Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:8
18 Iomraidhean Croise  

w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.


AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ, woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so


Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yadeɛ, na ɔyii wɔn firii wɔn amena mu.


na ɔno na ɔka a, ɛba mu, ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ.


Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔn anim, na ɛmma ne nsuo, na yi ɔbotan no mu nsuo ma wɔn ma asafo no ne wɔn mmoa nnom.


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi?


Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.


Na ɔsee no sɛ: Mɛba mabɛsa no yadeɛ.


Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.


na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafoɔ no mu baako!


Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan