Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:5
15 Iomraidhean Croise  

Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.


Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!


Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so,


Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom.


Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba!


Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.


Na wɔde nhoma kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panin a ɔgyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wɔmmuu no fɔ mpire anaa?


Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ: Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.


Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu.


Na anafoɔ mframa firii aseɛ bɔeɛ no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka deɛ wɔde sii wɔn anim no, na wɔtuu sɛkyɛ no nam ano ano a wɔbɛnee Kreta.


Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ ɔha so panin ne asraafoɔ no sɛ: Sɛ yeinom antena hyɛn yi mu deɛ a, morennya nkwa.


Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan