Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:4
31 Iomraidhean Croise  

AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.


na sɛ ntotɔeɛ no biri anaasɛ ɛbere ntoma anaa nwoma no anaa nsa anaa mfa no anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.


Ɛnna ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.


Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifoɔ no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ mu ma.


Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


Na wɔn ani buebueeɛ. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante!


Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.


Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ.


Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.


Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.


Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka.


Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.


Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.


Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ.


na mode adi me ho adanseɛ.


Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.


Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.


Na ɛyɛɛ n’awofoɔ ahodwiri; na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ asie yi nnkyerɛ obiara.


Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee, baraa wɔn sɛ wɔnnka yei nnkyerɛ obiara


Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn,


Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.


Me deɛ, menhwehwɛ me ara m’animuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan