Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Yesu tiaa wɔn sɛ, “Momfiri!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:32
10 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.


Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wotu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuo yi mu.


Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no dwanedwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a na ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ no ho asɛm no.


Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu.


Na ahonhommɔne no firii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuo no bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɔtadeɛ no mu, na wɔmemee.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Na sɛ mfirinhyia apem no wie duru a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan