Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

28 Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

28 Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:28
9 Iomraidhean Croise  

Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,


Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Anat ba Samgar berɛ so, Yael berɛ so, atempɔn daa mpan, akwantemfoɔ nantee akwamfo akontonkyi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan