Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:26
24 Iomraidhean Croise  

Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkyeɛ huuyɛ gyae, na woma aman kitikitiyɛ ano dwo.


Wo na wodi ɛpo mfumpaabuo soɔ, sɛ n’asorɔkyeɛ sɔre a, wo na wodwodwo ano.


Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no?


Ɔteatea ɛpo ma no we, na ɔma nsutene nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Nsubɔntene so na na w’abufuo redɛreɛ, AWURADE? Ɛpo na wo bo huru tiaa no, berɛ a na wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagyeɛ nteaseɛnam so reba no?


Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na sɛ Onyankopɔn fira wiram ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, ɔrenyɛ deɛ ɛkyɛne yei mma mo, mo a mo gyidie sua?


Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?


Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.


na Nyankopɔn bɔhyɛ no ho deɛ, wamfa ɔgyeɛ a wɔnnye nnie annye kyim, na mmom ɔnyaa gyidie mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam,


Na ɔkura nwoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsa mu, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan