Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:22
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi?


Na asuafoɔ no mu ɔfoforɔ bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa.


Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


ɛfiri sɛ, me ba yi wui, na wanyane bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.


Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ: Di m’akyi! Na ɔno deɛ ɔse: Ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa.


Na Yesu see no sɛ: Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm!


Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


(Ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ: Di m’akyi!


Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi!


Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu,


ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)


Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


Na mo a anka moyɛ awufoɔ, ɛsiane mo mfomsoɔ ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no anya nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mfomsoɔ nyinaa akyɛ yɛn,


Na deɛ ɔbɔ ahohwie no deɛ, ɔyɛ teaseawuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan