Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:20
35 Iomraidhean Croise  

Ɛso na ewiem nnomaa teteɛ, nnua mman mu na wɔfiri ma wɔn nne soɔ.


Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo, asukɔnkɔn wɔ ne fie, pepeaa nnua so.


Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani, na m’akoma apira wɔ me mu.


Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ na meyɛ ohiani deɛ, nanso AWURADE dwene me ho. Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase!


Na me deɛ, meyɛ ɔmanehunufoɔ ne ɔwerɛhoni, Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ mma me so.


Nso apatuprɛ anya ɛdan, na asomfenakatakyi anya ebuo a ɔbɛto ne mma agu mu, ɛne w’afɔrebukyia no, asafo AWURADE, me Hene ne me Nyankopɔn.


Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.


Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na Onipa Ba no yɛ homeda no wura.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no;


Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


Mese mo sɛ, ɔbɛbu atɛn agye wɔn ntɛm. Nanso Onipa Ba no ba a, anka ɔbɛhunu gyidie asase so?


Na yei ne mo nsɛnkyerɛnneɛ: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.


Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.


na ɔwoo n’abakan barima, na ɔde ntoma kyekyeree no, na ɔde no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ wɔannya kwan ahɔhodan no mu.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo; na Onipa Ba no deɛ, ɔnni deɛ ɔde ne tiri toɔ.


Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.


Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?


Ɛnna ɔfirii adie no, Yesu kaa sɛ: Afei wɔahyɛ Onipa Ba no animuonyam, na Onyankopɔn anya ne mu animuonyam.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,


Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu.


Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ?


na ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Nyankopɔn nifa.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan