Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:2
37 Iomraidhean Croise  

Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no sofoɔ atɛn.


Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.


Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.


Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.


Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!


Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.


Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!


Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!


Ɛnna akoa no gyae ne ho too fam wɔ n’anim srɛɛ no sɛ: Owura to wo bo ase ma me, na mɛtua wo ne nyinaa.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.


Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotoo no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.


Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani no fie no,


Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ.


Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.


na ɔsee no sɛ: Sɛ wobɛkoto asɔre me a, anka mede yeinom nyinaa bɛma wo.


Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.


Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!


Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.


Na Odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ pii wɔ Israel deɛ, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi gye Siriani Naaman.


Na ɔse: Megye medi, Awurade! Na ɔkoto sɔree no.


Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da.


Petro fitiiɛ ara pɛ na Kornelio kɔhyiaa no hwee ne nan ase sɔree no.


na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan