Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:7
43 Iomraidhean Croise  

Na da no ara Isak nkoa ba bɛkaa no abura a wɔtuiɛ no ho asɛm sɛ: Yɛato nsuo.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.


AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ, woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so


Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.


Nhyira ne wo, AWURADE, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim, nti, m’akoma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.


na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye, mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, mo akoma nnya nkwa.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie na wɔn ani nnye wo ho, na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ: Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu, mmɔntene so ne dwamu. Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.


Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.


Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie: Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.


Bio, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokorɔ asase so wɔ asɛm biara a mobɛbisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama mo.


Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya.


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no?


Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no.


Yei nti, mese mo sɛ: Adeɛ biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, monnye nni sɛ mobɛnya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.


Na sɛ gyidie nni mu a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyankopɔn nkyɛn no sɛ, ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ.


Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.


na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan