Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; ɛfiri sɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; ɛfiri sɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:25
17 Iomraidhean Croise  

Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefoɔ nni hɔ bio, na ɔteneneeni yɛ daa nnyinasoɔ.


na ɔbɛtena ase anane dwetɛ ayiyi mu, na ɔbɛyiyi Lewi mma mu, na wayiyi wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE tenenee mu;


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea soɔ no ho.


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


na ɔmma Kristo mfa gyidie so ntena mo akoma mu, na moagye ɔdɔ mu nhini atim mu,


sɛ wɔn a wɔagye nhini, na wɔde wɔn asi ne soɔ, na wɔayɛ den gyidie mu, sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan