Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:24
41 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa, n’ayeyie gyina hɔ daa.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.


Mewɔ nimdeɛ mesene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.


Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefoɔ nni hɔ bio, na ɔteneneeni yɛ daa nnyinasoɔ.


Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Wɔbutu abɔnefoɔ, na wɔnni hɔ, na ateneneefoɔ fie deɛ ɛbɛgyina.


Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.


Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?


Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma.


na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho.


Na mmadwemma no buaa sɛ: Dabi, ɛrenso yɛn ne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn mmom nkyɛn nkɔtɔ mo deɛ!


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; ɛfiri sɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so.


Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea soɔ no ho.


Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem.


Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan