Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:22
23 Iomraidhean Croise  

Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ, na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:


na wɔkumm Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔtotɔeɛ no ho. Midian ahemfo a wɔkumm wɔn yɛ baanum a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrantɛ kumm no.


Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.


Na ɛda no ne dɔn ko no deɛ, obiara nnim, ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.


Na akyire yi no, mmabaawa a aka no nso ba bɛkaa sɛ: Owura, Owura, hini yɛn!


Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.


Na mese mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanyinam Sodom asene kuro no.


Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,


Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifoɔ.


ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Awurade mma no nnya Awurade hɔ mmɔborɔhunu ɛda no! Na som a ɔsomm wɔ Efeso no, wo ara wonim yie.


Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan