Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 na wʼagya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 6:4
19 Iomraidhean Croise  

esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo hran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ.


Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.


na wobɛso nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.


Na wo deɛ, woreyɛ adɔeɛ a, mma wo benkum nnhunu deɛ wo nifa reyɛ no;


Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.


na woanya nhyira; ɛfiri sɛ wɔnni deɛ wɔde bɛtua wo so ka. Na ateneneefoɔ sɔreɛ mu na wɔbɛtua wo so ka.


Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adie, na ahunta a wɔrenhunu, na ɛrenna adie.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan