Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 6:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 “Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 “Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 6:25
22 Iomraidhean Croise  

Dane w’adesoa to AWURADE so, na ɔbɛsɔ wo mu, ɔremma ɔteneneeni ntwe n’anan mu da.


Na wo na worehwehwɛ ade kɛseɛ afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba honam nyinaa so, AWURADE asɛm nie, na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.


Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.


Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.


Enti monnnwennwene sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛnom, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛfira?


Enti monnnwennwene ɔkyena ho; na ɔkyena no ara bɛdwendwene ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.


Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.


na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba.


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho,


Na deɛ ɛguu nkasɛɛ mu no ne wɔn a wɔteɛ, na wɔnam asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonya ne anigyedeɛ mu na ɛmia wɔn, na wɔn aba no mmere nwie.


Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Na mepɛ sɛ anka moyi adwennwene firi mo soɔ. Deɛ ɔnwareeɛ dwennwene Awurade fam nnoɔma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani,


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.


Momfa mo dadwene ne haw nyinaa nto ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan