Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nhyira ne ahobrɛasefo, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:5
30 Iomraidhean Croise  

AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina, ɔto abɔnefoɔ hwe fam.


Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ.


Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa.


Ne kra bɛtena yiedie mu, na n’asefoɔ anya asase atena so.


Ɔma ahobrɛasefoɔ nante tenenee mu, na ɔma ahobrɛasefoɔ sua ne kwan.


Na ahobrɛasefoɔ bɛtena asase no so, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.


Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Ateneneefoɔ bɛtena asase so, na wɔatena so daapem.


Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so; sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.


na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.


Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye, mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, mo akoma nnya nkwa.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ, na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu;


Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no.


Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.


Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefoɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifoɔ no nam baeɛ, na mmom ɛnam gyidie tenenee so.


ɔdwoɔ ne anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.


ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,


Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.


Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri.


na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,


wɔnnni obiara ho nsekuro, wɔnnyɛ atutupɛfoɔ; wɔwɔ abodwokyɛre, na wɔnyi ɔdwoɔ nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.


Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.


Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.


Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ,


na mmom momma no nyɛ akoma mu nipa a wahunta no, honhom a ɛdwoɔ, na ɛyɛ komm adeɛ a ɛmporɔ mu. Ɛno na ne boɔ yɛ den Nyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan