Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na sɛ wo nsa nifa to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene; na ɛyɛ ma wo sɛ wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Na sɛ wo nsa nifa to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene; na ɛyɛ ma wo sɛ wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na sɛ wo nsa nifa to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene; na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:30
19 Iomraidhean Croise  

Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.


nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.


Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.


Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.


Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.


Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Na deɛ ɔnyaa talente nnum no bae, de talente nnum kaa ho baa sɛ: Owura, talente nnum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ nnum maka ho.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na ekuo no mu nnwan abɔ apete.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.


Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode basasini bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ɛrennum da no mu,


Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!


Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Enti sɛ nam die to me nua suntidua a, ɛnneɛ merenni ara da na manto me nua suntidua.


Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio.


ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan