Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:10
30 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu ne so,


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na Yesu kaa sɛ: Momma mmɔfra no kwan na monnsi wɔn me nkyɛn ba kwan; na yeinom sɛɛ yi na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.


na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.


Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,


Na me nso, sɛdeɛ m’agya ayi ahennie ama me no, saa ara na mayi mama mo,


Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ no kaa sɛ: Nhyira ne mo ahiafoɔ, na Nyankopɔn ahennie no yɛ mo dea.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.


Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.


Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn,


na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan