Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:4
26 Iomraidhean Croise  

Na Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn nie? Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no.


Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ.


Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


Di apiti nnapa no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ ɛno mu na wofirii Misraim baeɛ; nso obiara mmfa nsapan mmmɛpue m’anim.


Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!


Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi.


Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko so na onipa nam bɛtena aseɛ.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,


Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɛkɔm dee wo, na ɔde mana a wonnim na wo nananom nso nnim maa wo diiɛ, na wama woahunu sɛ, ɛnyɛ aduane nko so na onipa nam bɛtena aseɛ, na adeɛ biara a ɛfiri AWURADE anomu so na onipa nam tena aseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan