Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:10
30 Iomraidhean Croise  

Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ.


Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.


Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi.


Fa ɔbɔnefoɔ si ne so, na ma Satan nnyina ne nifa.


Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu.


Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!


Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.


Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam.


Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Sɛ mose: Menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne.


Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?


Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ ɔnya mo na ɔhuhu mo so sɛ aburoo.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?


momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ.


Na ɛnyɛ nwanwa; ɛfiri sɛ Satan no ara mpo dane ne ho sɛ hann bɔfoɔ.


Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


Enti momfa mo ho nhyɛ Nyankopɔn ase. Mommɔ mo ho mmɔden nsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn.


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Ɔno na momfa gyidie nnyina hɔ pintinn nsi no kwan, ɛfiri sɛ monim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase soɔ sɛ wɔnhunu.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan