Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:9
22 Iomraidhean Croise  

Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no soɔ no ka sɛ: Abraham yɛ ɔbaakofoɔ, na ɔfaa asase no diiɛ, na yɛn deɛ, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nnie.


Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm,


Na ɔsusuu ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ, menni deɛ mede me nnɔbaeɛ bɛsie.


Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mese mo sɛ: Yeinom mua wɔn ano a, anka aboɔ mpo bɛteam.


Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi?


Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.


Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?


Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.


Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Simeon aka sɛdeɛ kane Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no, sɛ ɔreyi wɔn mu nnipa ama ne din.


Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan