Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so hɔ kɔtiee asɛm no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Yerusalemfo ne Yudeafo nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofo fi kɔɔ ne nkyɛn;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:5
9 Iomraidhean Croise  

Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.


Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.


Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.


Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu,


Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan