Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 28:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 28:9
18 Iomraidhean Croise  

Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?


Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!


ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.


Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ.


Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no.


Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho.


Na wɔkoto sɔree no, na wɔde anigyeɛ kɛseɛ sane baa Yerusalem.


na ɔbɛgyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ɔfirii aseɛ de nisuo no fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ho, na ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no sraa ho.


Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.


Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan