Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 28:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 28:6
17 Iomraidhean Croise  

Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.


Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;


Na Petro deɛ, ɔsɔre tutuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhunuu nwera no sɛ ɛgu fa, na ɔfirii hɔ kɔɔ fie, na deɛ asie no yɛɛ no nwanwa.


na wɔanhunu n’amu no, na wɔba bɛkaa sɛ wɔahunu abɔfoɔ bi wɔn ani so nso a wɔkaa sɛ ɔte ase.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.


Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.


Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan