Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 27:54 - New Revised Asante Twi Bible

54 Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

54 Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

54 Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

54 Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

54 Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 27:54
22 Iomraidhean Croise  

Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!


Na wɔtenatenaa ase hɔ wɛnn no.


sɛ: Wo a wodwiri asɔredan, na wode nnansa sie, gye wo ho ɛ! Sɛ Nyankopɔn ba ne wo a, firi asɛnnua no ho si fam!


Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!


Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ.


Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.


Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no


Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba!


Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.


Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.


Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Na ntɛm ara ɔfaa asraafoɔ ne ɔha so mpanimfoɔ, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wɔhunuu ɔsafohene ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ.


Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ: Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.


Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu.


Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu.


Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam.


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan