Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:70 - New Revised Asante Twi Bible

70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

70 Nanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

70 Nanso, Petro de abufuo sane ne ho sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Minnim nea woka yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:70
17 Iomraidhean Croise  

Deɛ ne ho da n’akoma soɔ no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnam nyansa mu no bɛnya adwaneyɛ.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ, na wodii atorɔ, na woankae me amfa anhyɛ w’akoma mu yi? Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ nti na wonsuro me yi anaa?


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee nkrantɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa twaa n’aso.


Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.


Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!


Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no.


Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro!


Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan