Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:67 - New Revised Asante Twi Bible

67 Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

67 Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

67 Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

67 Afei, wɔtee ntasuo guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

67 Ɛnna wɔtoo ntasu guu n'ani so, na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotɔre

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:67
24 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi?


Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.


Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu.


ma no mfa n’afono mma deɛ ɔbɔ no, ma ahohora mmee no.


Wode yɛn ayɛ nwira dodoɔ ne akyiwadeɛ, aman no mfimfini.


Afei bɔ kyenku, wo Sion babaa. Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia. Wɔde abaa bɔ Israel temmufoɔ nnyepi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.


sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hwan na ɔbɔɔ woɔ?


Na wɔtoo ntasuo guu ne so, gyee demmire no, na wɔde paee n’apampam.


Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.


na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.


Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.


Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.


Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?


na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ.


wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de bɛsi nnɛ.


ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan