Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

45 Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

45 Ɛnna ɔbaa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:45
14 Iomraidhean Croise  

Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.


Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so kaa asɛnkorɔ no ara.


Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!


Na ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbutuu fam, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, dɔn no nsiane ne ho nkɔ.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan