Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:24
34 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Ma owuo nto nsi wɔn so, ma wɔnsiane nkɔ Asamando anikan, na nsɛmmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu.


Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu, mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ renni wɔn nna fa, na me deɛ, mede me ho meto wo so.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na ekuo no mu nnwan abɔ apete.


Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa?


Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ?


Na Onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ no deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi no ama no nnue!


Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre afiri awufoɔ mu,


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsusuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhunu deɛ ɛbɛyɛ ne dea. Na twerɛsɛm a ɛse: Wɔkyɛɛ me ntoma mu faeɛ, na m’atadeɛ so na wɔtwee ntonto, no baa mu.


Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan