Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mo ne ahiafo wɔ ha daa na me de, me ne mo nni hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:11
16 Iomraidhean Croise  

Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini.


Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.


Na ahiafoɔ deɛ, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me deɛ, monni me daa.


Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.


Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.


Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ?


Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.


a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu.


gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo mmɔborɔni ne wo hiani a ɔwɔ w’asase soɔ.


Na deɛ ɔwɔ wiase asetenadeɛ, na ɔhunu ne nua sɛ ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnwono no, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan