Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 26:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na mohaw ɔbea yi? Wayɛ ade pa ama me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na morehaw ɔbea no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 26:10
24 Iomraidhean Croise  

Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.


Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no anaa?


Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa.


Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ.


Na Yesu kaa sɛ: Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa.


Na ɔrekasa no, obi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu, nha kyerɛkyerɛfoɔ no!


Na Onyankopɔn bɛtumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa moanya deɛ ɛdɔɔso ma mo nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu,


a nso ɛnyɛ asɛmpa foforɔ biara; na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔha mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no.


Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, wɔadi wɔn ho awu!


Na ɛfiri nnɛ, mommma obiara nnha me; na meso Awurade Yesu akam wɔ me nipadua mu.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.


ɔnkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.


Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa.


deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Na sɛ obi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ adeɛ a wɔbuo, na wɔate ho a, owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yie, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ no, wɔnyɛ setie, wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,


Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan