Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 25:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no wɔfaa ngo kaa wɔn akanea ho kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 25:4
15 Iomraidhean Croise  

Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma.


Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn nkanea no, wɔamfa ngo ankura;


Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn nyinaa ani kumee na wɔdedaeɛ.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.


Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.


ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ dwaha ama yɛn wɔ yɛn akoma mu.


Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan