Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 24:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Sɛ moyɛ me deɛ enti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔakum mo wɔ ewiase afanan nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 24:9
26 Iomraidhean Croise  

Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ, na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee.


Na ɔman no mu wɔn a wɔnim de no bɛma nnipa bebree anya nhunumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne ɛfomfa mu, nna bi.


Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn.


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,


Sɛ wiase tane mo a, monhunu sɛ watane me kane ansa na ɛretane mo.


Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa.


Na wɔresi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!


Na sɛ ɔhunu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ din yi mu.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Menim faako a woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan