Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 24:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

43 Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

43 Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma ammetu ne dan ase amma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 24:43
18 Iomraidhean Croise  

Esum mu na wɔhwirehwire adan mu; wɔto wɔn ho pono mu awia, wɔnnim hann.


Na efiewura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri;


Na ahemadakye nnɔnmmiɛnsa rekɔ no, Yesu nam po so baa wɔn nkyɛn.


Na ɛkaa wɔn nsa no, wɔnwiinwii afuowura no so


Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba.


Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


Na wɔrekɔ akɔtɔ bie no, ayeforɔkunu no baeɛ, na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase, na wɔtoo pono no mu.


Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa,


Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho.


Na sɛ ɔba ɔdasuo a ɛtɔ so mmienu anaa mmiɛnsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn!


Na monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn ko a owifoɔ bɛba a, anka wamma wɔammɛtu ne dan ase anhyɛne mu.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


(Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)


Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan