Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 24:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 24:39
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔpepaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, ɛfiri nnipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so. Na wɔpepaa wɔn firii asase so, na ɛkaa Noa nko ara ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.


Na woaka sɛ: Wɔde adeɛ bɔɔ me, ante me, wɔpem me, mante, menyane ara pɛ a, mɛkɔ so mapɛ akyiri kwan ara!


Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Ɔteneneeni hunu mmɔborɔfoɔ asɛm di, ɔbɔnefoɔ nhunu saa nimdeɛ no.


Enti na ɔhwiee n’abufuhyeɛ ne akodie a ano yɛ den no guu ne soɔ, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiaeɛ, nanso wanhunu, na ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


Ɛnna nnipa baanu a wɔwɔ afuo mu, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no.


na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.


Obiara a ɔyɛ bɔne no tane hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔammu no ne nnwuma ho atɛn.


Monhwɛ, mo fɛdifoɔ, na ɛnyɛ mo nwanwa na monyera; ɛfiri sɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo berɛ so, adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nnie.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Na wɔhyɛ da ara ma wɔn werɛ firi sɛ, ɛfiri teteete na ɔsoro wɔ hɔ, ne asase a ɛfiri nsuo mu, na ɛfiri nsuo mfimfini na ɛbɛtimm hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Na mmarima mpemdu a wɔayi wɔn Israel nyinaa mu no bɛfirii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ amaneɛ rebɛto wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan