Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 24:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 “Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 “Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 24:22
13 Iomraidhean Croise  

Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a, wɔbɛsane ahye wɔn, sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam, nanso ne sini da so ara si hɔ berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.


Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ, nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so, AWURADE asɛm nie.


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔyi wɔn no deɛ, wɔyɛ kakraa bi.


Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a wɔyii wɔn no nti, watwa nna no so.


Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.


Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan