Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 23:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eyi nti, ɛsɛ sɛ mutie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso monnyɛ nea wɔyɛ no bi efisɛ nea wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yei enti, ɛsɛ sɛ motie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso, monnyɛ deɛ wɔyɛ no bi ɛfiri sɛ, deɛ wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 23:3
16 Iomraidhean Croise  

Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.


Na ɔkɔɔ deɛ ɔka ho no hɔ, kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na ɔbuaa sɛ: Owura mɛkɔ! nanso wankɔ.


sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena.


Na wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.


Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa.


Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan