Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 23:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne nhaban bi so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no, a ɛyɛ atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw nkae no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 23:23
16 Iomraidhean Croise  

Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Sɛ ɔma ani tae wie a, ɔgu ɛme, na ɔpete tɛtɛ, na ɔdua ayuo kyerɛpɛn, ne atokoɔ nso wɔ n’afa. Ɛyɛ yei ne afuo no ano?


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.


Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.


Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan